Psalms 142

Dawid de. Bere a na ɔwɔ ɔbodan mu no. Mpaebɔ.


1 Meteɛ mu su frɛ Awurade;
mema me nne so su frɛ Awurade sɛ onhu me mmɔbɔ.

2 Mihwie mʼahiasɛm gu nʼanim;
meka me haw kyerɛ no.


3 Sɛ me kra tɔ beraw wɔ me mu a,
ɛyɛ wo na wunim me kwan.
Ɔkwan a menam so no
nnipa asum me afiri.

4 Hwɛ na hu, obiara nni me nifa so;
mʼasɛm mfa obiara ho;
minni guankɔbea bi;
me nkwa mfa obiara ho.


5 Awurade, misu frɛ wo;
mise, “Wone me guankɔbea,
me kyɛfa wɔ ateasefo asase so.”

6 Tie me sufrɛ,
na mewɔ ahohia kɛse mu;
gye me fi mʼataafo nsam,
efisɛ wɔn ho yɛ den sen me.

7 Yi me fi mʼafiase,
na makamfo wo din.

Afei atreneefo betwa me ho ahyia
esiane wo papa a woayɛ me no nti.
Copyright information for TwiAKNA